Agya, biribi reha abibitumi kasa nti mede wei bɛmane wo wɔha.
Adesua a wose menyɛ nnɛ
Nkyekyɛmu 1
Adesua 1 – Woretie anwonsɛm dwom
Ɔpɔnkɔ anwonsɛm dwumadie
Hwehwɛ nsɛmfua ne nsɛm a yɛka toatoa so wɔ anwonsɛm no mu.
“Ɔpɔnkɔ hoɔdenfoɔ ei!”
“Sɛ mede me nsa ka wo a,”
“Mede wɔ bekɔ bepɔ so”
“Ama yeahwehwɛ nhwiren.”
Kyerɛkyerɛ nsɛmfua a ɛyɛ akɛseɛ wɔ anwonsɛm no mu no ase.
“Hoɔdenfoɔ”
“Asubɔntene”
Hwehwɛ adesua a ɛwɔ anwonsɛm no mu na twerɛ.
Wowɔ adepa a, ɛnneɛ fa yɛ biribi.
Twerɛ anwonsɛm ho mfasoɔ a ɛwɔ nnipa abrabɔ mu.
Sɛ wonya biribi na womfa nyɛ hwee ɛnneɛ wonya ne ho mfasoɔ.
Adesua 2 – Edin – Baakofoɔ ne dodoɔ kabea
Dwumadie 2
Adaka – Nnaka
Akonnwa – Nkonnwa
Onipa – Nnipa
Krataa – Nkrataa
Abɔfra – Mmɔfra
Ɔbarima – Mmarima
Atadeɛ- Ntadeɛ
Aboa – Mmoa
Kraman – Nkraman
Ɔbaa – Mmaa
Dwumadie 3
Mmirekyie no awo bebree.
Papa Ofori wɔ nnan wɔ ne kurom.
Mmerewa no nante bɔkɔɔ.
Metwerɛ wɔ krataa so.
Ɔkyena me na bɛnoa nnuane
Kwasi da nnua so.
Asɔfoɔ no pɛ mpaeɛ bɔ.
Nwoma wɔ nnaka no mu.
Abaayewa no wɔ atadeɛ bebree.
Ɔyare enti ɔrenom aduro
Nkyekyɛmu 2
Adesua 3 – Akenkan ne nteaseɛ
Yaw Anane Daeso
Dwumadie 4
Ɛdeɛn na Yaw Anane yɛeɛ ansana ɔrekɔda?
Ɔdii fufu kɛseɛ ansa na ɔrekɔda.
Adɛn nti na ɛkyereɛ ansana Anane reda?
Ɛfiri sɛ wadi fufu kɛseɛ.
Aboa bɛn na Anane somm ne daeɛ no?
Ɔso daeɛ afa sisire/owia.
Anane yɛɛ dɛn hunuu sɛ ɛyɛ daeɛ?
Ɛfiri sɛ wanyane berɛ a na anka ɔbɛwu.
Dwumadie 5
Yaw Anane dii (fufuo)
Ɔsomm daeɛ a na ɛyɛ (hu)
Mpofirim ara na kɛseɛ bi pueeɛ (sisire)
Na Anane ntumi (nhome)
Na (fifire) rete ne baabiara.
Adesua 4 – Tɛkrɛmadnae nsɛm
Sua saa tɛkrɛmadane nsɛm yi na ma watwerɛ nyɛ akɛseɛ na ɛho nte.
Agya kwaa paa
Kwaa apam
Kuhunuu mampam
Agya Kwaa Paa gyaa apam pam
Kɔpam mampam
Maa mampam kɔforoo pam
Dwumadie 6
Hwehwɛ nsɛmfua bi a yɛka atoatoaso na wo ankasa yɛ wo tɛkrɛmadane nsɛm.
Nna taa tumi da berɛ a ɛnni se ɛda
Ma nna yɛɛ nna tumi da
Berɛ nna da na nna yɛ nna yie
Ma nna bu afiri pata ayɛ nna.
Nkyekyɛmu 3
Adesua 5 – Edin Baakofoɔ ne dodoɔ kabea
Dwumadie 7
Wo ankasa twerɛ edin asɛmfua enum a ne ne dodoɔ kabea yɛ pɛ wɔ wo dwumadie.
1. Samina
Samina
2. Nsuo
Nsuo
3. Kotokuo
Kotokuo
4. Ntoma
Ntoma
5. Dadeɛ
Dadeɛ
Adesua 6 – Woretie akwankyerɛ ne ɔhyɛ
Dwumadie 8
Mo nnyina hɔ mmienu mmienu nyɛ deɛ ɛdidi soɔ yi.
🙁
One thought on “Twi Adesua”
June 15, 2019 at 3:40 pm
✨✨✨✨✨✨✨✨✨✨✨✨✨✨🌹🌹🌹🌹🎁🎁🎁🎁✔✔✔✔
Agya, biribi reha abibitumi kasa nti mede wei bɛmane wo wɔ ha.
Adesua a wose menyɛ nnɛ nie
Sɛ wonya biribi na womfa nyɛ hwee a, ɛnneɛ worennya ne ho mfasoɔ.
Woayɛ adeɛ!
Abaayewa no wɔ atadeɛ bebree.
Ɛdeɛn na Yaw Anane yɛeɛ ansa na ɔrekɔda?
Adɛn nti na ɛkyɛreɛ ansana Anane reda?
Aboa bɛn na Anane somm ne daeɛ no?
Ɔso daeɛ afa sisire/owia ho.
Mo! Woayɛ adeɛ pa ara! ✨
Ɔsomm daeɛ a na ɛyɛ (hu)
Mpofirim ara na (sisire) kɛseɛ bi pueeɛ
Na Anane ntumi (nhome)
Na (fifire) rete ne baabiara.
Tɛkrɛmadnae nsɛm
Sua saa tɛkrɛmadane nsɛm yi na ma w’atwerɛ nyɛ akɛseɛ na ɛho nte.
Dwumadie 6
Hwehwɛ nsɛmfua bi a yɛka atoatoaso na w’ankasa yɛ wo tɛkrɛmadane nsɛm.
Nna taa tumi da berɛ a ɛnni se ɛda
Ma nna yɛɛ nna tumi da
Berɛ nna da na nna yɛ nna yie
Ma nna bu afiri pata ayɛ nna. 👀 A!
Deɛ woatwerɛ yi deɛ, mente aseɛ koraa ara! Aseɛ ne sɛn?
W’ankasa twerɛ edin asɛmfua enum a ne ne dodoɔ kabea yɛ pɛ wɔ wo dwumadie.
Monnyina hɔ mmienu mmienu nyɛ deɛ ɛdidi soɔ yi.